Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Dwom 46:10—“Monyɛ Komm Na Munhu Sɛ Mene Nyankopɔn”

Dwom 46:10—“Monyɛ Komm Na Munhu Sɛ Mene Nyankopɔn”

 “Munnye ntom, na munhu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔbɛma me so wɔ amanaman mu; wɔbɛma me so, asaase so.”—Dwom 46:10, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asaase so.”—Dwom 46:10, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Dwom 46:10 Kyerɛ

 Onyankopɔn ka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ wɔnsom no, na wonnye ntom sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi asaase so. Obiara rentumi nnye kyim sɛ, Onyankopɔn ne tumi nyinaa wura. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase daa no, ɛsɛ sɛ ogye saa asɛm no tom.—Adiyisɛm 4:11.

 “Munnye ntom, na munhu sɛ mene Onyankopɔn.” Saa asɛm yi, Bible nkyerɛase bi kyerɛ ne fã a edi kan no ase sɛ “monyɛ komm.” Wei nti, ntease a ebinom anya ne sɛ, wɔkɔ asɔre a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm; enni sɛ wɔbɔ waw mpo. Saa ntease no nyɛ nokware. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “munnye ntom, na munhu sɛ mene Onyankopɔn” no, ɛyɛ afotusɛm a Yehowa a Nyankopɔn ankasa de rema amanaman nyinaa. Ɔreka akyerɛ wɔn sɛ, wonnye ntom sɛ ɔno nko ara na ɔfata sɛ yɛsom no, na wonnyae sɛ wɔsɔre tia no no.

 Afotu bi wɔ Dwom 2 a ɛte sɛ wei ara. Onyankopɔn hyɛ bɔ wɔ hɔ sɛ, wɔn a wɔsɔre tia no no, ɔne wɔn bedi. Wɔn a wogye tom sɛ Onyankopɔn na ɔfata sɛ odi yɛn so no de, wɔhwehwɛ akwankyerɛ, ahoɔden, ne nyansa fi ne hɔ. “Wɔde no yɛ wɔn guankɔbea,” enti wɔn ani gye, na wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ, ɛnkanka bere a wɔakɔ ahokyere mu no.—Dwom 2:9-12.

 “Wɔbɛma me so wɔ amanaman mu; wɔbɛma me so, asaase so.” Tete mmere mu no, wɔmaa Yehowa Nyankopɔn so bere a ɔde ne tumi kɛse no bɔɔ ne nkurɔfo ho ban no. (Exodus 15:1-3) Daakye nso, sɛ obiara a ɔwɔ asaase so brɛ ne ho ase hyɛ Onyankopɔn tumidi ase a, wɔbɛma Onyankopɔn so, na ɛno de, ɛbɛkyɛn kan de no koraa.—Dwom 86:9, 10; Yesaia 2:11.

Dwom 46:10 Ho Nsɛm

 Nhoma bi ka sɛ Dwom 46 “yɛ dwom a ɛtontono Onyankopɔn sɛ ɔwɔ tumi, na ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban.” Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo to Dwom 46 no a, na wɔde kyerɛ sɛ wogye Yehowa di sɛ obetumi abɔ wɔn ho ban na waboa wɔn. (Dwom 46:1, 2) Dwom no mu nsɛm no kaee wɔn sɛ Yehowa ka wɔn ho bere biara.—Dwom 46:7, 11.

 Dwom no ka sɛ, wonnwinnwen Yehowa Nyankopɔn anwanwadwuma ho. Wɔyɛ saa a, gyidi a wɔwɔ sɛ Yehowa wɔ tumi a obetumi abɔ wɔn ho ban no, ɛbɛyɛ kɛse. (Dwom 46:8) N’anwanwadwuma a saa dwom no twe adwene si so paa ne sɛ, ɔwɔ tumi a ɔde ma ɔko gyae. (Dwom 46:9) Sɛ yɛbɛka a, tete mmere mu no, Yehowa maa ɔko gyaee, efisɛ ɔbɔɔ ne nkurɔfo ho ban fii wɔn atamfo ho. Nanso Bible hyɛ bɔ sɛ, ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛkyɛn saa mpo. Ɔbɛma ɔko agyae wɔ wiase nyinaa.—Yesaia 2:4.

 Ɛnnɛ nso ɛ? Yehowa da so ara boa n’asomfo anaa? Yiw. Yɛreka yi mpo, ɔsomafo Paul hyɛɛ Kristofo nkuran paa sɛ, wɔnkɔ Yehowa nkyɛn nkɔhwehwɛ mmoa. (Hebrifo 13:6) Asɛm a ɛwɔ Dwom 46 no ma yehu paa sɛ, Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛbɔ yɛn ho ban. Ɛma yehu Onyankopɔn sɛ ɔyɛ “yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden.”—Dwom 46:1.

 Hwɛ video tiawa yi, na wubehu Dwom nhoma no ani so.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?