Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awarefo bi a wɔyɛ Adansefo ne wɔn nuanom reyɛ adesua wɔ video conference so. Afe yi, nnipa bebree bɛfa video conference so ayɛ Awurade Anwummeduan afahyɛ no. Wei ne bere a edi kan koraa a nnipa pii bɛfa saa kwan yi so ayɛ saa

APRIL 3, 2020
AMAN HOROW SO NSƐM

Afe Yi, Sɛnea Yɛbɛkae Yesu Wu No Yɛ Soronko Koraa

Coronavirus Yare a Ate Atese Wɔ Wiase Baabiara Nti, Asafo Ahorow Bɛfa Video Conference So Ayɛ Nkaedi No

Afe Yi, Sɛnea Yɛbɛkae Yesu Wu No Yɛ Soronko Koraa

Benada, April 7, afe 2020 no, Yehowa Adansefo ɔpepem pii ne nkurɔfo a wɔn ani gye Bible ho bɛyɛ afahyɛ titiriw a wɔde bɛkae Yesu wu no. Nanso COVID-19 yare a ate atese wɔ wiase baabiara nti, afe yi de bɛyɛ soronko. Nnipa bebree bɛfa video conference so ayɛ afahyɛ titiriw yi.

Coronavirus yare no nti, aban ahorow bi ahyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ nnipadɔm hyiam. Ɛno nti, nnansa yi asafo ahorow bi fa video conference so yɛ adesua nnawɔtwe biara. Wɔn a wɔde video conference yɛ adesua no bɛfa saa kwan yi ara so ayɛ Nkaedi no. Nanso ɛno da nkyɛn a, yɛde Nkaedi ho kasa no bɛto jw.org so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya dwumadi no mu kyɛfa.

Afe a etwaam no, nnipa bɛboro ɔpepem 20 na ɛbaa Nkaedi no bi. Afe yi nso, yegye di sɛ, nnipa pii bɛfa video conference anaa tɛlɛfon conference so ahwɛ anaa atie dwumadi no. Yenim sɛ ebinom nso bɛhwɛ nea yɛde ato jw.org so no.

Aman bi wɔ hɔ a, yare no trɛw ara na ɛretrɛw, na ɛreteetee wɔn paa. Ɛno nti, nea ɛbɛyɛ na yɛn nuanom rennya yare no bi no, wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde akwankyerɛ a aban no de ama wɔn no nyinaa bɛyɛ adwuma kosi sɛ nneɛma mu bedwo. Nanso ne nyinaa mu no, yegye di sɛ Yehowa bɛboa yɛn, na yɛasi yɛn bo sɛ, yebetie Yesu ahyɛde yi. Ɔkaa sɛ, “monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—Luka 22:19.